Ɔdom Banwaa Buoadu

Ɛfi Wikipedia

Grace Banwaa Buoadu wɔwoo no wɔ Ɔbɛnem bosome no ne da ɛtɔso dunum wɔ mfie mpem mmienu ne mmienu no mu (15 January 2002) wɔ Ghana. Ɔyɛ Ghana bɔɔlbɔfoɔ na ne tenten bɛyɛ sɛ sɛntimita no ɔha ne aduoson mmiensa (173cm) na ne mu duru nso bɛyɛ sɛ kilogram no aduosia num (65kg).[1]

Banwaa bɔ bɔɔl sɛ bɔɔl kyefoɔ anaa sɛ goalkeeper ma Hasaacas Ladies FC – bɔɔlbɔ kuo a wɔ si akae wɔ Ghana mmaa bɔɔlbɔ akansi mu no mu baako. Wɔfrɛɛ no kɔɔ saa mmaa bɔɔlbɔ kuo yi mu wɔ mfie mpem mmienu ne du-nkron no mu (2019).[2] Wɔ season overview mu no, ɔpuee mpɛn nsia (6 times) wɔ agoroprama so, ɔyɛɛ ɔgyee ne team no nkwa mprɛ du-mmiensa soɔ (13 saves),wɔ mprɛ nan soɔ na ɔsii akae maa ne bɔɔlbɔ kuo no a yannhyɛ no bie (4clean sheets) na ɔsii akae simma ahanum ne aduanan nwɔtwe (548 minutes) de maa ne bɔɔlbɔ kuo no.[3][4]

Wɔ mfie mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022) mu no, wɔsan frɛɛ Banwaa kɔɔ Ɔman mmaa a wonnii mfeɛ aduonu bɔɔlbɔ kuo n mu sɛ ɔmmɛgyina Ghana ananmu wɔ FIFA Mmaa a wɔn dii mfie aduonu Wiase Kuruwa akansi no mu.[5]

Wɔ mfie mpem mmienu ne aduonu mmiensa wɔ Ɛbɔ bosome mu no (September 2023), wɔde Banwaa too dwa sɛ ɔno na ɔbɔɔ mmoɔden paa sɛ bɔɔl kyerefoɔ wɔ saa afe no mu anaa sɛ (Best Goalkeeper of the Season) wɔ Ghana Football Association abasobɔdeɛ anadwo no mu.[6] Ɔsan nso pue mu sɛ nkonimdifoɔ wɔ RG World goalkeeper akansi no mu wɔ mfie mpem mmienu ne aduonu mmiensa (2023) no mu wɔ bosome a ɛyɛ Ahinime/Obubuo mu (October/November).[7]

Beaeɛ me nyaa mmoa firi yɛ[sesa]

  1. Ghana - G. Buoadu - Profile with news, career statistics and history - Soccerway, retrieved 2024-05-03
  2. Grace Banwaa Buoadu | Hasaacas Ladies Football Club (in American English), retrieved 2024-05-03
  3. https://www.hasaacasladiesfc.com/player/grace-banwaa-buoadu
  4. https://globalsportsarchive.com/people/soccer/grace-banwaa/291993/
  5. https://www.graphic.com.gh/sports/sports-news/names-of-final-princesses-squad-for-u-20-women-s-world-cup.html
  6. https://www.hasaacasladiesfc.com/grace-boadu-banwaa-wins-best-goalkeeper-of-the-season
  7. https://www.ghanafa.org/grace-banwaa-wins-rg-world-goalkeeper-of-the-month-for-october-november